Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom Mu Dwom 6

Nnamfonom:

Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ

mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaawa:

Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu,

faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ,

ɔkɔkyinkyini turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no;

ɔkyinkyin sukooko no mu.

Aberanteɛ:

Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,1

wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,

wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.

Ɛnhwɛ me saa;

wo ma me yɛ basaa.

Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a

wɔresiane firi Gilead.

Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,

a wɔfiri adwareɛ.

Wɔnam mmienu mmienu

na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu

te sɛ ateaa aduaba fa.

Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,

mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;

nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;

ɔno nko ara ne ne maame babaa,

ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.

Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.

Nnamfonom:

Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia,

nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.

Aberanteɛ:

Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ

sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,

sɛ bobe no agu nhyerɛnne

anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.

Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;

Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!

Aberanteɛ:

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa

sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?

Source notes (1)
  1. Footnote Tirsa yɛ Kanaan tete kuro bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkuro wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kɔsi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.