Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Romafoɔ 12

Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn

Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu. Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ.

Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so. Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. Yɛwɔ akyɛdeɛ ahodoɔ sɛdeɛ wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛdeɛ yɛ nkɔmhyɛ a, ma ɔnnyina ne gyidie so mfa nyɛ adwuma. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ; Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforɔ a, ma ɔmfiri akoma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamyɛ a, ma ɔmfa anigyeɛ nyɛ.

Onuadɔ

Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho. Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho. Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade. Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ. Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.

Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn. Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu. Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.

Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo. Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu. Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ. Enti,

“Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”

Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.