Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Adiyisɛm 10
Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ Aba Mu
Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum. Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so. Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ. Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”
Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ. Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”
Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”
Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.” Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me. Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.