Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 88

Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn

mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.

Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;

brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

Ɔhaw ahyɛ me kra ma

na me nkwa rebɛn owuo.

Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;

mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,

te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,

wɔn a wonkae wɔn bio,

na wonhwɛ wɔn bio.

Woato me atwene damena ase tɔnn,

wɔ esum kabii mu.

Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;

woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn

woama me ho ayɛ wɔn ahi.

Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;

awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.

Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;

metrɛ me nsam kyerɛ wo.

Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?

Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?

Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,

anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?

Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,

anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?

Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;

me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu

Ao Awurade, adɛn nti na wopo me

na wode wʼanim hinta me?

Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;

wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.

Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;

wʼahunahuna asɛe me.

Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,

na wɔabu afa me so koraa.

Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;

na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.