Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 84
Kora mma dwom.
Ao Asafo Awurade,
wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka!
Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,
sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;
mʼakoma ne me honam team
frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.
Mpo akasanoma anya fie,
na asomfena nso anwono ne pirebuo,
baabi a ɔbɛhwane ne mma
wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,
Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.
Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie;
na wɔkamfo wo din daa.
Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,
na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,
wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;
osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.
Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa,
kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.
Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ;
Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me.
Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm;
fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.
Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena
yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ;
mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie
sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.
Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm;
Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam;
ɔremfa ade pa biara nkame
wɔn a wɔteneɛ.
Ao Asafo Awurade,
nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.