Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 80

Asaf dwom.

Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn,

wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim;

wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn

wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.

Kanyane wo tumi;

bra bɛgye yɛn nkwa.

Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;

ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn,

wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn

wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?

Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ;

wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.

Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa,

na yɛn atamfoɔ sere yɛn.

Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio;

ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

Wode bobe firi Misraim baeɛ;

wopamoo amanaman no na woduaaɛ.

Wosiesiee asase no baabi maa no,

ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.

Ne nwunu kataa mmepɔ no so

ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.

Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so,

na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.

Adɛn enti na woabubu nʼafasuo

ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?

Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa

na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.

Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn!

Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu!

Hwɛ saa bobe yi so,

ntini a wo nsa nifa adua no,

ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.

Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye;

wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.

Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,

onipa ba a woatete no ama wo ho no.

Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn;

kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.

Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio,

na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,

na wɔagye yɛn nkwa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.