Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 77
Asaf dwom.
Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;
mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me.
Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;
metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo
na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie;
medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti.
Woamma mʼani ankum;
amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa.
Medwenee nna a atwam no ho,
teteete mfeɛ no ho;
mekaee me nnwom a na meto no anadwo.
Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ:
“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa?
Ɔrenhunu yɛn mmɔbɔ bio anaa?
Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa?
Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa anaa?
Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa?
Abufuo enti ne yam nhyehye no bio anaa?”
Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni,
deɛ ɛhyɛ me kra so ne sɛ, wommfa wo tete nsa nifa no mmoa yɛn bio.”
Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ;
aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no.
Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho
na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho.
Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn.
Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn?
Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ;
wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ,
Yakob ne Yosef asefoɔ no.
Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo,
nsuo no hunuu wo na wɔpopoeɛ;
ebunu no mpo ho wosoeɛ.
Omununkum tɔɔ nsuo,
aprannaa gyegyee wɔ soro;
na wo bɛmma twaa ogya dii akɔneaba.
Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu,
wʼanyinam hyerɛn ewiase;
asase popoeɛ na ɛwosoeɛ.
Wode wo kwan faa ɛpo mu,
wode faa nsuo kɛseɛ mu,
nanso wɔanhunu wʼanammɔn.
Wonam Mose ne Aaron so
dii wo nkurɔfoɔ anim sɛ nnwankuo.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.