Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 60
Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no ɛberɛ a ɔne Aram Naharanfoɔ ne Aram Sabafoɔ koeɛ na Yoab sane kɔkumm Edomfoɔ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔnhwa mu no.
Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu;
wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!
Woawoso asase no na woapae mu;
toatoa deɛ abubuo no, ɛfiri sɛ, ɛrehinhim.
Woama wo nkurɔfoɔ ahunu mmerɛ bɔne;
woama yɛn nsã a ɛma yɛtɔ ntentan.
Nanso wɔn a wɔsuro wo deɛ, woama wɔn frankaa so
sɛ wɔntu ntia kuntun no.
Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn,
na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Onyankopɔn akasa firi kronkronbea sɛ,
“Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu,
na masusu Sukot bɔnhwa no.
Gilead wɔ me, Manase wɔ me;
Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ,
ɛna Yuda yɛ mʼahempoma.
Moab yɛ me dwaresɛn,
Edom so na meto me mpaboa guo;
na meteam nkonimdie so gu Filistifoɔ so.”
Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?
Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
Ɛnyɛ wo, Ao Onyankopɔn, wo a woapo yɛn
na wone yɛn akodɔm ankɔ sa bio no?
Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,
na ɔdasani mmoa nka hwee.
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,
na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.