Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 6
Dawid dwom.
Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu,
na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.
Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ;
Ao Awurade sa me yadeɛ
na me nnompe wɔ ahoyera mu.
Me kra wɔ ahohia mu.
Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?
Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa;
gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.
Obi a wawuo no renkae wo da,
hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ?
Apinisie ama mayɛ mmerɛ.
Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpa
na me nisuo fɔ me sumiiɛ.
Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu.
Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.
Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho,
ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.
Awurade ate me mmɔborɔ su;
Awurade tie me sufrɛ.
Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu ase
na wɔn ho adwiri wɔn;
na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.