Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 40

Dawid dwom.

Mede boasetɔ twɛnee Awurade;

na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

Ɔyii me firii amena a emu yɛ toro mu,

firii dɔteɛ ne atɛkyɛ mu;

ɔde me nan sii ɔbotan so

na ɔmaa me baabi pa gyinaeɛ.

Ɔde dwom foforɔ hyɛɛ mʼanom,

ayɛyi dwom a yɛde ma yɛn Onyankopɔn.

Bebree bɛhunu na wɔasuro

na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

Nhyira ne onipa a

ɔde Awurade yɛ nʼahotɔsoɔ,

deɛ ɔmfa nʼani nto ahomasoɔ so,

ne wɔn a wɔmane di anyame huhuo akyi.

Ao Awurade me Onyankopɔn

woayɛ anwanwadeɛ bebree.

Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no

obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;

sɛ meka sɛ mereka ne nyinaa ho asɛm a

ɛbɛdɔɔso dodo.

Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,

woabue mʼaso ama mahunu;

woampɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne afɔdeɛ.

Na mekaa sɛ “Mewɔ ha,

merebɛyɛ deɛ wopɛ sɛ meyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mmara nwoma no mu no.

Ao me Onyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛdeɛ;

mede wo mmara ahyɛ mʼakoma mu.”

Meka wo tenenee ho asɛm wɔ dwabɔ kɛseɛ ase;

meremmua mʼano,

Ao Awurade, sɛdeɛ wonim no.

Meremfa wo tenenee ho asɛm nsie mʼakoma mu;

meka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ ho asɛm.

Mankata wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ so

wɔ dwabɔ kɛseɛ no ase.

Ao Awurade, nyi wʼahummɔborɔ mfiri me so;

ma wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ mmɔ me ho ban daa.

Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;

mʼamumuyɛ abu afa me so enti menhunu adeɛ bio.

Ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,

na mʼakoma aboto wɔ me mu.

Ao Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wobɛboa me;

Ao Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no nyinaa,

ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛeɛ no,

wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

Wɔn a wɔka “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no,

ma wɔn ho nnwiri wɔn wɔ wɔn ankasa animguaseɛ ho.

Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa

ani nnye na wɔnni ahurisie wɔ wo mu;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ,

“Momma Awurade so!”

Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;

ma Awurade nnwene me ho.

Wone me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ;

Ao me Onyankopɔn, bra ntɛm.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.