Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 36
Awurade ɔsomfoɔ Dawid dwom.
Nkɔmhyɛ bi da mʼakoma so
a ɛfa omumuyɛfoɔ mmarato ho.
Wɔnnsuro Onyankopɔn.
Na ɔno ankasa ani so no, ɔdaadaa ne ho dodo
enti mma ɔnhunu ne bɔne nnyae yɛ.
Nʼanom nsɛm yɛ atirimuɔden ne nnaadaa;
ɔnnim nyansa bio, na wayɛ papa.
Ɔda ne mpa so mpo a, ɔbɔ pɔ bɔne;
na ɔgyaa ne ho ma bɔne ɛkwan
na ɔmpo deɛ ɛnyɛ.
Awurade, wʼadɔeɛ duru sorosoro
wo nokorɛdie duru ewiem tɔnn.
Wo tenenee te sɛ mmepɔ akɛseɛ.
Wʼatɛntenenee mu dɔ sɛ ɛpo bunu.
Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so.
Wʼadɔeɛ a ɛnsa da no som bo!
Nnipa mu akɛseɛ ne nketewa
nya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase.
Wɔdi deɛ abu soɔ wɔ wo fie
woma wɔnom firi wʼanika asutene no mu.
Wo nkyɛn na nkwa asutire wɔ;
wo hann mu na yɛhunu hann.
Kɔ so dɔ wɔn a wɔnim wo,
ma wo tenenee ntena wɔn a wɔtene akoma mu.
Mma ɔhantanni nan ntia me
anaa omumuyɛfoɔ nsa nnsunsum me.
Hwɛ sɛdeɛ nnebɔneyɛfoɔ ahwehwe ase,
wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.