Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 3
Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim.
Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!
Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!
Bebree no ara ka fa me ho sɛ,
“Onyankopɔn rennye no”.
Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia
wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.
Meteam su frɛ Awurade,
na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.
Metɔ hɔ na meda a,
menyane bio, ɛfiri sɛ Awurade kora me so.
Merensuro atamfoɔ mpem mpem a
wɔatwa me ho ahyia no.
Sɔre, Ao Awurade!
Gye me, Ao me Onyankopɔn!
Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;
na tutu amumuyɛfoɔ se.
Awurade hɔ na ɔgyeɛ firi ba.
Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto wɔ sankuhoma so.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.