Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 24
Dawid dwom.
Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade dea;
ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa wɔ no;
ɛfiri sɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ ɛpo so
na ɔde sii nsuo ani.
Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?
Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?
Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,
deɛ ne kra nni ahoni akyi
na ɔnnka ntanhunu.
Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira
ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.
Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,
wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.
Mo apono, mommuebue
mommuebue, mo tete apono,
na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.
Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi?
Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no;
Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.
Mommuebue, Ao mo apono
mommuebue, mo tete apono,
na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.
Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi?
Asafo Awurade no,
ɔno ne animuonyam Ɔhene no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.