Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 149

Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforɔ mma Awurade,

monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu.

Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu.

Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.

Ma wɔmfa asa nkamfo ne din

na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.

Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ;

ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.

Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu;

na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so.

Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu

na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,

sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so

ne asotwe wɔ nnipa no so,

sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,

ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,

sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no.

Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam.

Monkamfo Awurade.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.