Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 122
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
Ɛberɛ a wɔsee me sɛ,
“Ma yɛnkɔ Awurade fie” no, mʼani gyeeɛ.
Yɛgyinagyina wʼapono ano,
Ao Yerusalem.
Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn.
Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.
Ɛhɔ na mmusuakuo no korɔ,
Awurade mmusuakuo no.
Wɔkɔkamfo Awurade din
sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔde ama Israel no teɛ.
Ɛhɔ na atemmuo nhennwa no sisi,
Dawid fie nhennwa no.
Monsrɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem sɛ,
“Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya banbɔ.
Ma asomdwoeɛ mmra wʼafasuo mu
na banbɔ mmra wʼabankɛsewa mu.”
Me nuanom ne me nnamfonom enti,
meka sɛ, “Asomdwoeɛ ntena wo mu.”
Awurade yɛn Onyankopɔn fie enti,
mɛhwehwɛ wo nkɔsoɔ.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.