Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 119
Awurade Mmara
Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ
na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ.
Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,
na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.
Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;
na wɔnam nʼakwan so.
Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ
a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.
Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee
sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ.
Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a
ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase.
Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo
ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.
Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;
na nnya me korakora.
Awurade Mmara Ho Setie
Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?
Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu
sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Mede mʼano ka mmara
a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so
te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.
Awurade Mmara Mu Ahotɔ
Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;
na matena ase adi wʼasɛm so.
Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a
ɛwɔ wo mmara no mu.
Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;
mfa wo mmaransɛm no nhinta me.
Me kra tɔ baha ɛberɛ biara
wɔ wo mmara ho anigyina enti.
Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,
na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no.
Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,
ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so.
Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,
nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ
na ɛyɛ me fotufoɔ.
Awurade Mmara Sodie Ho Bɔhyɛ
Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Mesesee mʼakwan na wogyee me so;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;
na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho.
Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;
hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.
Yi me firi nnaadaa akwan so;
na fa wo mmara so dom me.
Mafa nokorɛ kwan no so;
mede mʼakoma adi wo mmara akyi.
Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden
mma mʼanim ngu ase.
Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,
ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam.
Nteaseɛ Ho Mpaeɛbɔ
Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,
na mɛdi so akɔsi awieeɛ.
Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,
na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.
Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no
na ɛhɔ na menya anigyeɛ.
Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho
na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.
Yi mʼani firi nneɛma hunu so;
na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,
na wasuro wo.
Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,
ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa.
Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!
Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu.
Awurade Mmara Ho Ahotosoɔ
Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,
wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,
ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ.
Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,
ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu.
Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara
akɔsi daa apem.
Mede ahofadie bɛnante
ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim
na mʼanim rengu ase,
ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho
na medɔ no.
Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,
na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
Awurade Mmara No Mu Ahotosoɔ
Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,
ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ.
Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:
Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,
nanso mennane mfiri wo mmara ho.
Ao Awurade mekae wo tete mmara no,
na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu.
Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ
a wɔapo wo mmara enti.
Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban
wɔ baabiara a mesoɛ.
Ao Awurade, anadwo mekae wo din,
na mɛdi wo mmara so.
Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,
medi wo nkyerɛkyerɛ so.
Ahofama Wɔ Awurade Mmara So Die Mu
Ao Awurade, wone me kyɛfa;
mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.
Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;
hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Madwene mʼakwan ho
na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.
Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn
sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ.
Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me
nanso me werɛ remfiri wo mmara.
Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo
wo mmara a ɛtene enti.
Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,
wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.
Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Awurade Mmara So Die Ho Mfasoɔ
Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie
sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade.
Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,
ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di.
Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,
na seesei deɛ, medi wʼasɛm so.
Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,
nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,
nanso mʼani gye wo mmara ho.
Ɛyɛ sɛ mehunuu amane
sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.
Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me
sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.
Nokorɛ A Ɛwɔ Awurade Mmara Mu
Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;
ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm.
Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,
ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene,
na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso.
Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ
sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ.
Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,
ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho.
Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,
nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho.
Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,
wɔn a wɔte wo mmara ase no.
Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,
na mʼanim angu ase.
Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ
Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,
nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;
meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?”
Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,
nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.
Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?
Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,
a ɛne wo mmara bɔ abira.
Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;
boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.
Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,
nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die.
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.
Awurade Mmara Mu Gyidie
Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa;
ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ.
Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,
na nneɛma nyinaa som wo.
Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,
anka mʼamanehunu akum me.
Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,
ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;
na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,
nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;
nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.
Awurade Mmara Ho Ɔdɔ
Ao medɔ wo mmara no!
Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,
ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,
ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,
ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.
Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so
sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm.
Memmane memfirii wo mmara ho,
ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
Wo nsɛm yɛ me dɛ,
ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom.
Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;
enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
Awurade Mmara Yɛ Kanea
Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea
ne mʼakwan so hann.
Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ
mɛdi wo tenenee mmara no so.
Mahunu amane bebree;
kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,
na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,
nanso me werɛ remfiri wo mmara.
Amumuyɛfoɔ asum me afidie
nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.
Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;
ɛma mʼakoma ani gye.
Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so
akɔsi awieeɛ.
Awurade Mmara Mu Banbɔ
Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,
na medɔ wo mmara.
Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;
mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,
na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!
Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;
mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa.
Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;
na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,
na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;
enti medɔ wʼahyɛdeɛ.
Wo ho suro ma me ho popo;
wo mmara abɔ me hu.
Awurade Mmara No Setie
Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.
Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ!
Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;
mma ahantanfoɔ nhyɛ me so.
Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,
ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no.
Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu
na mate wʼahyɛdeɛ ase.
Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;
wɔrebu wo mmara so.
Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm
sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,
na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti
mekyiri ɛkwan bɔne biara.
Pere Sɛ Wobɛdi Awurade Mmara So
Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;
enti medi so.
Wo nsɛm ase teɛ ma hann;
na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.
Mebue mʼanom na megu ahome,
na mʼani gyina wo mmaransɛm.
Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ
sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Mma bɔne biara nni me so.
Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,
na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Nisuo adware me sɛ asutene
ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
Awurade Mmara Yɛ Pɛ
Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,
na wo mmara nso yɛ pɛ.
Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;
ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara.
Abufuo ahyɛ me ma,
ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.
Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,
na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn.
Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,
nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ.
Wo tenenee wɔ hɔ daa
na wo mmara no yɛ nokorɛ.
Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,
nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ.
Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;
ma me nteaseɛ na manya nkwa.
Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ
Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,
na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so.
Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa
na medi wʼahyɛdeɛ so.
Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;
mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
Mʼani gu so anadwo nyinaa,
na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho.
Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;
Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ.
Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,
nanso wɔne wo mmara ntam ware.
Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,
na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ
a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
Mmoa Ho Mpaeɛbɔ
Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa
ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.
Di mʼasɛm ma me na gye me.
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,
ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;
kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ.
Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,
nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho.
Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,
ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so.
Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;
Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;
na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.
Nya Ahofama Ma Awurade Mmara
Sodifoɔ taataa me kwa,
nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro.
Mʼani gye wo bɔhyɛ ho
te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ.
Mekyiri nkontompo
na medɔ wo mmara.
Mekamfo wo mprɛnson da biara
wo mmara a ɛtene no enti.
Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,
na biribiara rentumi mma wɔnsunti.
Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ,
na medi wo mmaransɛm so.
Medi wʼahyɛdeɛ so
na medɔ no yie.
Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,
na wonim mʼakwan nyinaa.
Mmoa Ho Mpaeɛbɔ
Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;
ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;
na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;
ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,
ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.
Yɛ ahoboa bɛboa me,
ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu.
Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,
na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.
Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,
na wo mmara nso awowa me.
Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.
Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ,
ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.