Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 111

Monkamfo Awurade!

Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so

wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.

Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ;

wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.

Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam,

na ne tenenee wɔ hɔ daa.

Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ;

Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.

Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;

ɔkae nʼapam no daa.

Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,

sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.

Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;

nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ.

Ɛtim hɔ daa daa,

nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.

Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;

ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,

ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ;

wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa.

Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.