Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Nnwom 108
Dawid dwom.
Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam;
mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom.
Monyane, sankuo ne bɛnta!
Mɛnyane anɔpahema.
Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;
mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu.
Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro;
wo nokorɛdie duru ewiem.
Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,
na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.
Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,
na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ,
“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu
na masusu Sukot Bɔnhwa.
Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara;
Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ,
Yuda yɛ mʼahempoma.
Moab yɛ me dwaresɛn,
Edom so na meto me mpaboa guo;
Filistia so na mebɔ ose.”
Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?
Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn?
Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa?
Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,
na ɔdasani mmoa nka hwee.
Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,
na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.