Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 103

Dawid deɛ.

Ao me kra, kamfo Awurade;

na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

Ao me kra, kamfo Awurade,

na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,

ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ

na ɔsa wo nyarewa nyinaa,

ɔgye wo nkwa firi damena mu

na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,

ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ

na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.

Awurade yɛ adetenenee

na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.

Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,

na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.

Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;

Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata

na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.

Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.

Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,

na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn,

ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.

Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,

ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;

sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,

na ne sibea nnim no bio.

Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten

Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,

na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,

wɔn a wɔdi nʼapam no so

na wɔkae di ne mmara so.

Awurade asi nʼahennwa wɔ soro,

na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,

mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,

mo a motie nʼasɛm.

Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,

nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.

Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa

deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.

Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.