Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Nnwom 101

Dawid Dwom.

Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom;

Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.

Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.

Dabɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede akoma a afɔdie nni mu

bɛnante me fie.

Meremfa mʼani nsi

adeɛ a ɛyɛ tane biara so.

Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;

Me ne wɔn nni hwee yɛ.

Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;

me ne bɔne nni hwee yɛ.

Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,

ɔno na mɛsɛe;

deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,

ɔno na merennyegye ne so.

Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so

na me ne wɔn atena;

deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,

ɔno na ɔbɛsom me.

Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara

rentena me fie;

deɛ ɔtwa nkontompo no

rennyina mʼanim.

Adekyeeɛ biara,

mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;

na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara

afiri Awurade kuropɔn mu.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.