Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Mmɛbusɛm 24

Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

Wɔde nyansa na ɛsi efie,

na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na

na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,

na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,

deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;

wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,

nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.

Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”

deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?

Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?

Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;

ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.

Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;

sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,

na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,

na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;

na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ

na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti

na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,

na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,

na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

Anyansafoɔ Nsɛnka A Ɛkeka Ho

Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka:

Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:

Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie,

na nhyira bɛba wɔn so.

Mmuaeɛ pa

te sɛ mfeano.

Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuo;

ɛno akyi, si wo fie.

Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”

Menante faa onihafoɔ afuo ho

twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

nkasɛɛ afu wɔ baabiara,

wira afu akata asase no so,

na aboɔ afasuo no nso abubu.

Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so

na mesuaa biribi firii mu:

nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.