Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
4 Mose 1
Nnipakan
Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ: “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din. Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa. Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo.
“Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie:
“Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur;
Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel;
Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson;
Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel;
Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab;
Yosef mmammarima no:
Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama;
Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel;
Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan;
Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser;
Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel;
Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf;
Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.”
Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no.
Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi, na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so.
Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).
Simeon asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).
Gad asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).
Yuda asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).
Isakar asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).
Sebulon asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).
Yosef mmammarima no:
Efraim asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).
Manase asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200).
Benyamin asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).
Dan asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).
Aser asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).
Naftali asefoɔ:
Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).
Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn. Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550).
Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho. Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no. Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa. Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.”
Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.