Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Kwadwom 5

Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so;

hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.

Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ,

wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.

Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom,

yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ.

Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom;

yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;

Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.

Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria

sɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn.

Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio,

na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

Nkoa di yɛn so,

na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.

Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane,

akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti.

Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.

Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn.

Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion,

ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so.

Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;

wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ.

Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so;

na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio;

mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ.

Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu;

yɛn asa adane agyaadwotwa.

Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so.

Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne!

Yei enti yɛn akoma atɔ piti,

yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu

wɔ Sion bepɔ a ada mpan

na sakraman nenam soɔ no enti.

Wo, Ao Awurade, di ɔhene afebɔɔ;

wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi?

Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi?

Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade, na yɛatumi aba wo nkyɛn;

yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no

agye sɛ wapo yɛn koraa

anaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.