Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Hiob 27
Hiob toaa nʼasɛm so sɛ,
“Sɛ Onyankopɔn te ase yi, ɔno a wammu me atɛntenenee,
Otumfoɔ a wama madi me kra mu awerɛhoɔ;
mmerɛ dodoɔ a nkwa wɔ me mu,
na Onyankopɔn homeɛ wɔ me mu yi,
mʼano renka amumuyɛsɛm,
na me tɛkrɛma rentwa nkontompo.
Merennye nto mu da sɛ deɛ woka no yɛ nokorɛ;
merenka me mudie nhyɛ, kɔsi sɛ mɛwuo.
Mɛkura me tenenee mu. Merennyaa mu;
sɛ mete ase yi, me tiboa remmu me fɔ.
“Ma mʼatamfoɔ nyɛ sɛ amumuyɛfoɔ,
na wɔn a wɔkyiri me nyɛ sɛ atorofoɔ.
Anidasoɔ bɛn na deɛ ɔnni nyamesu no wɔ wɔ ne wuo akyi,
ɛberɛ a Onyankopɔn agye ne nkwa afiri ne nsam?
Onyankopɔn tie ne sufrɛ
ɛberɛ a amanehunu aba ne so anaa?
Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu?
Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?
“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ;
meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta.
Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa.
Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn?
“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ,
agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:
Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena;
na nʼasefoɔ rennidi mmee da.
Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi,
na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.
Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo
na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ,
nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira
na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.
Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa,
ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.
Ɔda hɔ te sɛ ɔdefoɔ, nanso ɔrenna saa bio;
ɔbɛte nʼani no na ne nyinaa atu ayera.
Ahunahuna ba ne so sɛ nsuyire;
ahum hwim no kɔ anadwo.
Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio;
ɛtwe no firi ne teberɛ.
Ɛbɔ no a ahummɔborɔ nni mu
ɛberɛ a ɔredwane afiri ne tumi ase.
Ɔde fɛ bɔ ne nsam
na ɔpamoo no firi ne teberɛ.”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.