Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hiob 18

Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu

Na Suhini Bildad buaa sɛ,

“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi?

Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.

Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie

na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?

Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete,

wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so

anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?

“Omumuyɛfoɔ kanea adum;

na ne ogya nnɛre bio.

Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum;

kanea a ɛsi ne ho no dum.

Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase;

nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.

Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu,

na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.

Afidie sɔ ne nantin

na ɛsɔ ne mu denden.

Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam;

afidie wɔ ne kwan mu.

Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa

na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.

Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no;

na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.

Ɛwewe ne honam ani baabi;

na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.

Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu

na wɔde no brɛ ahunahunahene.

Ogya te ne ntomadan mu;

na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.

Ne nhini wuwu wɔ aseɛ

na ne mman nso wu wɔ ɔsoro.

Wɔrenkae no asase so bio;

na ɔrennya edin wɔ asase so.

Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu

na wɔpam no firi ewiase.

Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu,

na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.

Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho;

na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.

Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ;

sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.