Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Yeremia 45
Asɛm A Wɔde Ma Baruk
Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu. “Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo: Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’ Deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa. Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.