Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Yeremia 24
Borɔdɔma Nkɛntɛn Mmienu
Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfoɔ, nʼadwumfoɔ ne nʼatomfoɔ a wɔwɔ Yuda firii Yerusalem kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim. Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no yɛ papa te sɛ deɛ ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.
Na Awurade bisaa me sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Yeremia?”
Mebuaa sɛ, “Borɔdɔma, deɛ ɛyɛ pa ara, ne deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.”
Ɛna Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Borɔdɔma papa no gyina hɔ ma atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda, wɔn a metwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia asase so no. Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiedie, na mɛsane de wɔn aba ha bio. Mɛsiesie wɔn na merensɛe wɔn. Mɛdua wɔn, na merentu wɔn ase. Mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhunu me sɛ, me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.
“ ‘Nanso te sɛ borɔdɔma a ɛnyɛ no, deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo no,’ deɛ Awurade seɛ nie, ‘saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne Yerusalem nkaeɛfoɔ, sɛ wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ne mfomsodeɛ ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahɔhora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ asredeɛ ne mmusuo baabiara a mɛpam wɔn akɔ. Mɛsoma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm akɔ wɔn so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom.’ ”
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.