Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yakobo 4

Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn

Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no. Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn. Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ.

Nnipa a monni gyidie! Monnim sɛ, sɛ mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ. Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa? Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan,

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”

Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta! Monni awerɛhoɔ, monsu, na montwa agyaadwoɔ; momma mo sereɛ nnane su, na mo anigyeɛ nnane awerɛhoɔ. Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Atemmuo Ne Kɔkɔbɔ

Me nuanom, monnnidi mo ho nsekuro. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu no atɛn no, kasa tia Mmara no. Na sɛ wobu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei deɛ wonni Mmara no so. Onyankopɔn nko na ɔma mmara na ɔbu atɛn. Ɔno nko na ɔgye nkwa na ɔsɛe. Wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?

Ahohoahoa Ne Kɔkɔbɔ

Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me. Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera. Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.” Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.