Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 9

Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn

Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.

Nnipa a wɔnam sum mu

ahunu hann kɛseɛ;

wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,

hann bi apue wɔn so.

Woatrɛ ɔman no mu;

woama wɔn ani agye mmoroso;

wɔdi ahurisie wɔ wʼanim

sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,

sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn

wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.

Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,

saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;

saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma

a ɛda wɔn mmatire so.

Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa

ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no

wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye.

Wɔde bɛsɔ ogya.

Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,

wɔama yɛn ɔbabanin,

na amammuo no bɛda ne mmati so.

Na wɔbɛfrɛ no

Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,

Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.

Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ

bɛtena hɔ daa.

Ɔbɛtena Dawid ahennwa so

abu nʼahennie,

Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ

bɛhyɛ aseɛ na wama atim

afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.

Asafo Awurade mmɔdemmɔ

bɛyɛ yei.

Awurade Abufuo A Ɛtia Israel

Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no,

na ɛbɛka Israel.

Nnipa no nyinaa bɛhunu,

Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria

a wɔde ahohoahoa

ne ahomasoɔ akoma kasa no,

“Ntayaa no abubu agu fam

nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio.

Wɔabubu borɔdɔma nnua no

nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”

Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn,

na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.

Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam,

Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam,

abue wɔn anom amene Israel.

Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ

na ne nsa da so wɔ soro.

Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn,

na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.

Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho

na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;

mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no,

na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.

Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa,

na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.

Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho,

na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ

ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ.

Ano biara ka ahuhusɛm.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya;

ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ,

ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no,

na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.

Asafo Awurade abufuo so enti,

asase no bɛkyene

na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no;

na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.

Nifa so, wɔbɛfom aduane adi,

nanso ɛkɔm bɛde wɔn;

benkum so, wɔbɛdidi,

nanso wɔremmee.

Obiara bɛwe ne ba ɛnam.

Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase

na wɔbɛbɔ mu atia Yuda.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ,

na wama ne nsa so ayɛ krado.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.