Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 62

Sion Edin Foforɔ

Sion enti, merenyɛ komm,

Yerusalem enti, merenyɛ dinn,

kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ,

na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn.

Amanaman no bɛhunu wo tenenee,

na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;

wɔbɛfrɛ wo din foforɔ

a Awurade de bɛto wo.

Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,

ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam.

Wɔremfrɛ wo atugya bio,

anaa wʼasase sɛ amanfo.

Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn

ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ

ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,

na ɔbɛware wʼasase.

Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,

saa ara na wo mmammarima bɛware wo;

sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,

saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.

Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;

wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.

Mo a musu frɛ Awurade no,

monnhome koraa,

na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim

na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.

Awurade de ne basa nifa aka ntam,

ne basa a ɛyɛ den no sɛ,

“Meremfa mo ayuo

mma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio,

na ananafoɔ rennom nsã foforɔ

a moabrɛ ho no bio;

wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi

na wɔakamfo Awurade,

na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom

wɔ me kronkronbea adihɔ.”

Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!

Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.

Mompae, mompae kwantempɔn no!

Monyiyi so aboɔ no.

Monsi frankaa mma amanaman no.

Awurade abɔ no dawuro

akɔsi nsase ano sɛ,

“Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ,

‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba!

Hwɛ nʼakatua ka ne ho,

na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ ”

Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,

wɔn a Awurade Agye Wɔn;

na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,

Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.