Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 38

Hesekia Yadeɛ

Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ, “Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho. Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

“ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so: Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.

Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:

Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu

na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?”

Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio

Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so.

Merenhunu adasamma bio,

anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio.

Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam,

te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan.

Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ,

twa me firi asadua so;

awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,

nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata;

awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.

Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ.

Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro.

Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”

Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?

Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei.

Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu

me kra ahoyera yi enti.

Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

na me honhom nso anya nkwa wɔ mu.

Wode mʼapɔmuden asane ama me.

Wonam so ama manya nkwa.

Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti

na mekɔɔ saa ahoyera yi mu.

Wo dɔ enti, wode me sieeɛ

na mankɔ ɔsɛe amena mu;

na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.

Damena rentumi nkamfo wo;

owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom;

wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no

rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio.

Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,

sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi;

agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm

kyerɛ wɔn mma.

Awurade bɛgye me nkwa,

na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom

yɛn nkwa nna nyinaa

wɔ Awurade efie.

Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”

Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.