Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 35

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛ

Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye;

ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm.

Te sɛ nhwiren no, ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ;

ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam.

Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no.

Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ;

wɔbɛhunu Awurade animuonyam,

yɛn Onyankopɔn tumi no.

Hyɛ nsa a emu ago no mu den,

hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den;

Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,

“Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;

mo Onyankopɔn bɛba,

ɔde aweretɔ bɛba;

ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro

bɛba abɛgye mo nkwa.”

Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani,

na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.

Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ,

na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam.

Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so,

na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.

Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ,

na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so.

Atu a anka sakraman te mu no,

ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.

Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ;

wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan.

Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so;

ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so;

amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.

Gyata biara rentena hɔ,

na nkekaboa biara rensi so;

wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ.

Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba.

Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;

anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ.

Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ,

na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.