Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 20

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim Ne Kus

Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no, saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.

Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no, saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu. Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.