Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Yesaia 2

Awurade Bepɔ No

Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.

Nna a ɛdi akyire no mu no,

Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim

sɛ mmepɔ no nyinaa ti;

ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so

na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,

“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,

nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.

Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”

Mmara no bɛfiri Sion aba

na Awurade asɛm afiri Yerusalem.

Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn

na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;

wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ

na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.

Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,

na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,

momma yɛnnante Awurade hann mu.

Awurade Da No

Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ,

Yakob fiefoɔ.

Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma;

wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ

na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.

Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree.

Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma;

na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.

Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma;

wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma,

deɛ wɔn nsateaa ayɛ.

Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase

na wama adasamma aboto.

Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

Kɔhyɛne abotan no mu,

fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.

Asafo Awurade ahyɛ da bi

ama ahomasofoɔ nyinaa

ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa

(wɔbɛbrɛ wɔn ase),

Lebanon1 ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn,

ne Basan odum nnua no,

mmepɔ atentene nyinaa

ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,

ne abantenten a ɛkorɔn

ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,

adwadie hyɛn biara

ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam;

Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,

na ahoni no bɛyera korakora.

Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu

ne ntokuro a ɛdeda asase mu

ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,

ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

Saa ɛda no, nnipa bɛto

wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni

a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no

agu ama akusie ne mpan.

Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu

ne abotan mpaapaeɛ mu

ɛsiane Awurade ho hu

ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti,

ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.

Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa,

a wɔwɔ ahome kɛkɛ so.

Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?

Source notes (1)
  1. Footnote Lebanon yɛ ɔmantam bi a na ɛda Yordan apueeɛ fam a, ɛnam ntweneduro ne anantwie a na ɛwɔ hɔ no enti, agye din.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.