Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm
Yesaia 18
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus
Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so
wɔ Kus nsubɔntene ho,
a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so
a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.
Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,
monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.
Mo ewiasefoɔ nyinaa,
mo a motete asase so,
sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a,
mobɛhunu.
Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a,
mobɛte.
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,
“Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.
Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ,
te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”
Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,
na nhwiren no anyini adane bobe no,
wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;
wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.
Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa
a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;
nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu.
Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.
Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade
ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ,
nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa,
aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,
na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.
Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.
Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.
Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.