Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hosea 8

Israel Bɛtwa Ntwahoframa Aba

“Monhyɛn totorobɛnto!

Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so

ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so

na wɔasɔre atia me mmara.

Afei, Israel su frɛ me sɛ,

‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’

Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ;

ɔtamfoɔ bɛtaa no.

Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee

wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho

de sɛeɛ wɔn ankasa ho.

To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria!

Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so.

Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?

Wɔfiri Israel!

Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ;

ɛnyɛ Onyankopɔn!

Wɔbɛbubu mu asinasini,

saa Samaria nantwie ba no.

“Wɔdua mframa

na wɔtwa ntwahoframa.

Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;

enti wɔrennya esam mfiri mu.

Sɛ ɛso aduane mpo a,

ahɔhoɔ na wɔbɛdi.

Wɔamene Israel;

afei ɔfra aman no mu

te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.

Na wɔakɔ Asiria

te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.

Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.

Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,

nanso mɛboaboa wɔn ano.

Wɔn so bɛfiri aseɛ ate

wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.

“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,

ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.

Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,

nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.

Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ

na wɔwe ɛnam no,

nanso wɔnsɔ Awurade ani.

Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:

Wɔbɛsane akɔ Misraim.

Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ

na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;

Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.

Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya

a ɛbɛhye wɔn aban.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.