Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hosea 5

Atemmuo A Ɛtia Israel

“Montie mo asɔfoɔ!

Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ!

Monyɛ aso, Ao adehyefie!

Saa atemmuo yi tia mo:

Moayɛ afidie wɔ Mispa,

ne asau a wɔagu no Tabor so.

Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ.

Mɛtwe wɔn nyinaa aso.

Menim Efraim ho nsɛm nyinaa;

wɔmfaa Israel nhintaa me.

Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman;

na Israel aprɔ.

“Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan

mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn.

Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu;

wɔnnye Awurade nto mu.

Israel ahantan di tia no.

Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.

Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie

kɔhwehwɛ Awurade a

Wɔrenhunu no,

ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

Wɔanni Awurade nokorɛ.

Wɔwowoo adwamam mma.

Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ

bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.

“Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea.

Hyɛn abɛn no wɔ Rama.

Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen;

Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.

Wɔbɛsɛe Efraim

wɔ akontabuo da.

Israel mmusuakuo no mu no

mepae mu ka deɛ ɛwom.

Yuda sodifoɔ no te sɛ

wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ.

Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so

te sɛ nsuyire.

Wɔhyɛ Efraim so,

wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu,

wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.

Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim

na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.

“Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda nso hunuu nʼakuro no,

Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria.

Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa.

Nanso wantumi ansa no yadeɛ,

na akuro no nso anwuwu.

Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim

na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda.

Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ;

Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

Afei, mɛsane akɔ me nkyi

kɔsi sɛ wobɛnya ahonu.

Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan;

wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.