Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hosea 14

Ahonu De Nhyira Ba

Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.

Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

Fa wo nsɛm a wowɔ

sane kɔ Awurade nkyɛn.

Ka kyerɛ no sɛ,

“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,

na fa ahummɔborɔ gye yɛn,

na yɛatumi ayi wo ayɛ.

Asiria rentumi nnye yɛn;

yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.

Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’

nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,

na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.

Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,

ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko.

Te sɛ Lebanon ntweneduro no

ɔde ne nhini bɛtim fam;

ne mman bɛdennan.

Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua,

na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio.

Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe,

na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?

Mɛgye no so na mʼani aku ne ho.

Mete sɛ dua a nʼahahan mpo;

sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”

Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu.

Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase.

Awurade akwan tene.

Ateneneefoɔ nante so,

nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.