Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hosea 12

Efraim de mframa ayɛ aduane;

ɔdi apueeɛ mframa akyi daa

na ɔdi atorɔ yɛ akakabensɛm bebree.

Ɔne Asiria yɛ apam

na ɔde ngo kɔ Misraim.

Awurade wɔ soboɔ de bɔ Yuda;

ɔbɛtwe Yakob aso, wɔ nʼakwan ho

na watua no ne nneyɛeɛ so ka.

Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin;

ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

Ɔne ɔbɔfoɔ tentameeɛ dii ne so nkonim;

ɔde nisuo srɛɛ ne nkyɛn adom.

Ɔhunuu no wɔ Bet-El

ne no kasaa wɔ hɔ.

Asafo Awurade Onyankopɔn,

Awurade ne ne din a ahyeta!

Ɛsɛ sɛ wo sane kɔ wo Onyankopɔn nkyɛn.

Tena ɔdɔ ne tenenee mu,

na twɛn wo Onyankopɔn daa.

Ɔdwadini de nsisie nsania yɛ nʼadwuma;

nʼani gye nsisie ho.

Efraim hoahoa ne ho sɛ,

“Meyɛ ɔdefoɔ; manya me ho.

Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhunu

amumuyɛ biara wɔ me ho.”

“Mene Awurade wo Onyankopɔn,

a meyii wo firii Misraim.

Mɛma woakɔtena ntomadan mu bio

sɛdeɛ na woyɛ wɔ wʼapontoɔ afahyɛ nna mu no.

Mekasa kyerɛɛ adiyifoɔ,

memaa wɔn anisoadehunu bebree

na mefaa wɔn so kaa mmɛbusɛm.”

Gilead yɛ otirimuɔdenfoɔ anaa?

Emu nnipa no yɛ ahuhufoɔ!

Wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ wɔ Gilgal anaa?

Wɔn afɔrebukyia bɛyɛ te sɛ aboɔ

a wɔahɔre no sie wɔ asase a wɔafuntum soɔ.

Yakob dwane kɔɔ Aramfoɔ asase so;

Israel someeɛ de nyaa yere,

ɔhwɛɛ nnwan de tua etiri nsa.

Awurade nam odiyifoɔ so

yii Israel firii Misraim,

ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.

Nanso, Efraim ahyɛ no abufuo yaayaaya;

nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdie ada ne so

na ɔbɛtua nʼanimtiabuo no so ka.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.