Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hosea 10

Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ;

ɔsoo aba maa ne ho.

Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no,

ɔsisii afɔrebukyia bebree;

nʼasase rekɔ so yɛ yie no

ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.

Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu,

enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe.

Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia,

na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.

Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene,

ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade.

Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a,

ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”

Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree,

Wɔka ntam hunu

na wɔyɛ apam ahodoɔ;

ɛno enti mansotwe sɔresɔre

te sɛ wira a borɔ wɔ mu

a afifiri asase a wɔafuntum so.

Nnipa a wɔte Samaria no suro ma

Bet Awen nantwie ba ohoni no.

Ne nkurɔfoɔ bɛsu.

Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,

wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no.

Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.

Wɔde no bɛkɔ Asiria,

de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.

Ɛbɛgu Efraim anim ase;

na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.

Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ

te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.

Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.

Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ,

na akata wɔn afɔrebukyia so.

Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!”

na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”

“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,

na ɛhɔ na woaka.

Na ɔko rentwi amfa

amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;

aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.

Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.

Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no,

a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma,

enti mede kɔnnua

bɛto ne kɔn fɛfɛ mu.

Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan,

ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,

na Yakob nso siesie so.

Dua tenenee aba ma wo ho,

twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,

siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;

na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade,

kɔsi sɛ ɔbɛba

abɛpete tenenee agu wo so.

Nanso, woadua atirimuɔden aba,

na woatwa aba bɔne.

Woadi nnaadaa aba.

Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden

ne wʼakodɔm bebrebe no so,

ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ,

na wʼaban nyinaa bɛsɛe,

sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,

da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.

Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El,

ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso.

Sɛ ɛda no duru a,

Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.