Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hebrifoɔ 1

Onyankopɔn Akasa

Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ. Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro. Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.

Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ,

“Woyɛ me Ba;

na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.”

Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ,

“Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”

Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ,

“Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”

Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ,

“Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,

na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”

Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ,

“Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa;

wʼAhennie yɛ atɛntenenee.

Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne,

ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so,

na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.”

Onyankopɔn sane kaa sɛ,

“Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem,

na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.

Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa;

wɔbɛtete sɛ atadeɛ.

Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma;

na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ.

Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,

na wo mfeɛ to rentwa da.”

Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ,

“Montena me nifa so

kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ

mo nan ntiasoɔ.”

Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.