Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mose 12

Onyankopɔn Frɛ Abraham

Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,

na mɛhyira wo.

Mɛma wo din atrɛ,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wɔbɛhyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum. Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.

Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so. Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.

Abram Ne Sarai Kɔ Misraim

Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim1 asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie. Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie. Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’ Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.”

Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ. Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.

Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so. Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere? Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!” Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.

Source notes (1)
  1. Footnote Nsuseneeɛ a ɛdeda Misraim no enti, ɔpɛ denden no anka no.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.