Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mose 10

Noa Awoɔ Ntoatoasoɔ

Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

Yafet Asefoɔ

Yafet asefoɔ nie:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

Gomer asefoɔ nie:

Askenas, Rifat ne Togarma.

Yawan asefoɔ nie:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ham Asefoɔ

Ham asefoɔ nie:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

Kus1 asefoɔ nie:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefoɔ nso ne:

Saba ne Dedan.

Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so. Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho. Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear2 asase so. Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

Na Misraim woo

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ, Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ3 agyanom.

Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het. Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ, Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ. Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefoɔ

Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

Sem asefoɔ nie:

Elam, Asur,4 Arfaksad, Lud ne Aram.

Aram asefoɔ nie:

Us, Hul, Geter ne Mas.

Na Arfaksad woo Sela,

ɛnna Sela woo Eber.

Eber woo mmammarima baanu.

Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera, Hadoram, Usal, Dikla, Obal, Abimael, Seba, Ofir, Hawila ne Yobab.

Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.

Source notes (4)
  1. Footnote Kus aman ahodoɔ nson no nyinaa wɔ Arabia.
  2. Footnote Sinear kyerɛ tete Babilonia.
  3. Footnote Filistifoɔ ase firi tu firii Kreta ( Yer 47.4; Amos 9.7 ). Mfeɛ ɔha ne dumienu mu a ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) na wɔdii Misraim so. Wɔpamoo wɔn firii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenaseɛ wɔ Kanaan mpoano.
  4. Footnote Asur yɛ Asiria tete din.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.