Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Ɛsra 2

Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,1 Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:

Dodoɔ a wɔyɛ

Paros abusuafoɔ

2,172

Sefatia abusuafoɔ

372

Arah abusuafoɔ

775

Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ)

2,812

Elam abusuafoɔ

1,254

Satu abusuafoɔ

945

Sakai abusuafoɔ

760

Bani abusuafoɔ

642

Bebai abusuafoɔ

623

Asgad abusuafoɔ

1,222

Adonikam abusuafoɔ

666

Bigwai abusuafoɔ

2,056

Adin abusuafoɔ

454

Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ)

98

Besai abusuafoɔ

323

Yora abusuafoɔ

112

Hasum abusuafoɔ

223

Gibar abusuafoɔ

95

Betlehemfoɔ

123

Netofafoɔ

56

Anatotfoɔ

128

Asmawetfoɔ

42

Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ

743

Ramafoɔ ne Gebafoɔ

621

Mikmasfoɔ

122

Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ

223

Nebo ɔman mma

52

Magbis ɔman

156

Elam ɔman mma

1,254

Harim ɔman mma

320

Lod, Hadid ne Ono ɔman mma

725

Yeriko ɔman mma

345

Senaa ɔman mma

3,630

Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ)

973

Imer abusuafoɔ

1,052

Pashur abusuafoɔ

1,247

Harim abusuafoɔ

1,017

Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ)

74

Nnwontofoɔ:

Asaf2 abusuafoɔ

128

Aponoanohwɛfoɔ:3

Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ

Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ

139

Asɔredan asomfoɔ:

Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,

Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,

Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,

Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,

Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,

Usa, Paseah, Besai asefoɔ,

Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,

Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

Nesia ne Hatifa.

Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:

Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,

Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

Sefatia, Hatil,

Pokeret-Hasebaim ne Ami.

Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ

392

Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.

Saa nnipakuo yi ne:

Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ

652

Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:

Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ4 ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

Source notes (4)
  1. Footnote Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no.
  2. Footnote Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so.
  3. Footnote Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.
  4. Footnote Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.