Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Hesekiel 9

Wɔkunkum Ahonisomfoɔ

Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.” Mehunuu sɛ mmarimma baasia firi atifi ɛpono a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura kɔdiawuo akodeɛ. Na ɔbarima bi a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba bɛgyinaa kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ho.

Na Israel Onyankopɔn animuonyam pagyaa ne ho firi Kerubim no so, baabi a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no ɛkwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔtɔ bɔ ne nkyɛn mu no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nante fa Yerusalem kuropɔn nyinaa mu na fa ahyɛnsodeɛ keka wɔn a wosu na wodi awerɛhoɔ wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”

Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Monni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na monkunkum, a monnkyerɛ ahummɔborɔ anaa tema biara. Monkunkum nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmaayewa, mmaa ne mmɔfra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ ahyɛnsodeɛ no. Momfiri aseɛ wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanimfoɔ a wɔwɔ asɔredan no anim no hyɛɛ aseɛ.

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adihɔ hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔɔeɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ kunkumm nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. Ɛberɛ a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mebutuu hɔ suiɛ sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade! Worebɛsɛe Israel nkaeɛfoɔ yi nyinaa ɛsiane wʼabufuhyeɛ a aba Yerusalem soɔ yi enti anaa?”

Na ɔbuaa me sɛ, “Israelfoɔ ne Yuda amumuyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyea ahyɛ asase no so ma. Wɔka sɛ, ‘Awurade agya asase no; Awurade nhunu.’ Ɛno enti, merenhunu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa tiri so.”

Afei, ɔbarima a ɔfira nwera na atwerɛdeɛ bɔ ne nkyɛn mu no de nkra baeɛ sɛ, “Mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no.”

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.