Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mose 35

Homeda Ho Mmara

Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu. Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.”

Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie. Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ;

ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne

abirekyie nwi,

odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ,

okuo dua;

kanea ngo, ɔsra ngo;

nnuhwam a wɔhyeɛ;

aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu.

“Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ:

“Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ;

Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ,

Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo;

nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa,

nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano;

kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu,

adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano,

Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma,

asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.”

Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade. Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade. Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ. Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ. Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade. Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma. Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ. Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ. Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no.

Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu. Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ. Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.