Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mose 1

Israelfoɔ Wɔ Misraim

Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

Isakar, Sebulon ne Benyamin;

Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.

Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ, nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn. Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”

Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao. Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee. Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ, “Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.” Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ. Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?”

Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.”

Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ. Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.