Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Ɔsɛnkafoɔ 4

Nhyɛsoɔ, Adwumaden, Ankonam

Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:

Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo

na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;

tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam

na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

Na mekaa sɛ: Awufoɔ a

wɔawuwu dada no

ani gye sene ateasefoɔ;

wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.

Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi

ne deɛ ɔnnya mmaeɛ,

deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a

wɔyɛ wɔ owia yi ase.

Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.

Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho

na ɔsɛe ne ho.

Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu

yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho.

Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.

Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:

Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;

ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.

Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,

nanso nʼani ansɔ nʼahonya.

Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no,

na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?”

Yei nso yɛ ahuhudeɛ,

ɛyɛ ɔhaw kwa.

Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,

ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

Sɛ ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko bɛtumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.

Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

Ɛkankɔ Yɛ Adehunu

Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio. Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu. Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no. Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.