Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Ɔsɛnkafoɔ 11

Burodo A Ɛwɔ Nsuo Ani

To wo burodo gu nsuo ani,

na daakye bi wo nsa bɛka bio.

Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe,

ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a,

ɛtɔ gu asase so.

Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a,

deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua,

na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ,

anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no,

saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase.

Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

Dua wʼaba anɔpa,

na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho,

na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie,

sɛ yei anaa yei

anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.

Kae Wo Ɔbɔfoɔ Wɔ Wo Mmeranteɛ Ɛberɛ Mu

Hann yɛ fɛ;

na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.

Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa

ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ.

Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne

na ɛbɛdɔɔso.

Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.

Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu,

ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu.

Di deɛ wʼakoma pɛ

ne deɛ wʼaniwa hunu akyi,

nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho

Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu

na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,

ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.