Skip to content
BibleKenya

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm

Ɔsɛnkafoɔ 1

Biribiara Yɛ Adehuhuo

Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ:

“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!”

Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.

“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ

Biribiara yɛ ahuhudeɛ.”

Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?

Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?

Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,

nanso asase tim hɔ daa.

Owia pue na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.

Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam

na ɛdane hwɛ atifi fam;

ɛkyinkyini kɔ baabiara

na ɛsane bɔ fa ne kwan so.

Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,

nanso ɛpo nyɛ ma da.

Baabi a nsubɔntene no firie no

ɛhɔ na wɔsane kɔ bio.

Biribiara yɛ ɔbrɛ

a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ.

Ani nhwɛ adeɛ nwie da

na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.

Deɛ aba no bɛba bio,

deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio;

adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.

Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:

“Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa?

Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee;

ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.

Wɔnnkae tetefoɔ no,

na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso

wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no

renkae wɔn.

Nimdeɛ Yɛ Ahuhudeɛ

Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem. Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi! Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.

Deɛ akyea no, wɔntumi ntene;

na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan.

Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.” Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.

Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba;

nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm. Copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Source: eBible.org. Typeset from the source files; no intended changes to scripture wording. BibleKenya is not endorsed by the rights holder.

Full source notice & licence · CC BY-SA 4.0 · SourceEdition imported 2026-10-25.

BibleKenya

Reader settings

Theme
Font
Alignment
Reading width

Saved in this browser and used offline too. Press ? for keyboard shortcuts.